Surah Yaseen wɔ Ashanti kasa mu nkyerɛaseɛ

Surah Yaseen ne nkyerɛaseɛ wɔ Twi kasa mu wɔ akyɛdeɛ ne adwene so tumi a ɛma onipa nkwa mu. Ɛyɛ Qur’an Kronkron no ti a ɛto so 36, na ɛwɔ Qur’an no mu Mparaw 22 ne 23. Surah Yaseen de nkyerɛkyerɛ ne nyansa a ɛyɛ den ma. Sɛ obi kenkan ne nkyerɛaseɛ a, ɛboa Musulumi foɔ ma wonya nteaseɛ pa wɔ ne nsɛm no mu, na ɛma wɔn nimdeɛ kɔ soro na ɛma ne nkyerɛkyerɛ no yɛ kɛseɛ. Ɛma nso ɔkwan ne suban a ɛyɛ papa a ɛma daakye nkwa mu teɛ.

Surah Yaseen no mu nsɛm 83 betumi ama adwene mu asomdwoeɛ, titiriw bere a ɔhaw reba. Sɛ obi kenkan no wɔ Arabik kasa mu a, ɛde akyɛdeɛ a ɛyɛ honhom mu, na sɛ obi te ne nkyerɛaseɛ ase a, ɛma ɔne no bɔ mu den. Surah Yaseen no wɔ kasa 95+ mu, na ɛma nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa betumi anya ho. Musulumi biara yɛ pɛ sɛ ɔkenkan ne nkyerɛaseɛ no mprɛpɔw baako pɛ, na ɔte ne nsɛm no ase. Ɛyɛ mmerɛw ma akɔfoɔ sɛ wɔkenkan Surah Yaseen no online anaa wɔdownload ne PDF a ɛwɔ Twi mu na wɔde sie wɔn afidie so, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛnya ho mmerɛw, mpo sɛ internet nni hɔ.

Tie Surah Yaseen Ashanti kasamu Audio

Kenkan Surah Yaseen a ɛwɔ nkyerɛaseɛ mu wɔ Ashanti kasa mu wɔ Intanɛt so

36.1

يسٓ

Yaa siin.ا

Tafseer

Tafseer

36.0

بِسۡمِ ٱللَّهِ ٱلرَّحۡمَٰنِ ٱلرَّحِيمِ

Onyankopͻn din mu, Ahummͻborͻ Hene, Ɔdεεfoͻ Hene.ا

Tafseer

Tafseer

36.3

إِنَّكَ لَمِنَ ٱلۡمُرۡسَلِينَ

(Nkͻmhyεni), nokorε sε woka Asomafoͻ no ho.ا

Tafseer

Tafseer

36.2

وَٱلۡقُرۡءَانِ ٱلۡحَكِيمِ

Nyankopͻn de Qur’aan a Nyansa ne adwen ahyε mu mma no di nse sε.ا

Tafseer

Tafseer

36.5

تَنزِيلَ ٱلۡعَزِيزِ ٱلرَّحِيمِ

(Qur’aan) yε Adiyisεm a efri Otumfoͻ, Mͻborͻhunufoͻ Hene no hͻ.ا

Tafseer

Tafseer

36.4

عَلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ

(Na wonam) ͻkwan tenenee no so.ا

Tafseer

Tafseer

36.7

لَقَدۡ حَقَّ ٱلۡقَوۡلُ عَلَىٰٓ أَكۡثَرِهِمۡ فَهُمۡ لَا يُؤۡمِنُونَ

Ampa sε, asεm no mu nokorε atia wͻn mu (nnipa) pii, efirisε wͻnnye nni.ا

Tafseer

Tafseer

36.6

لِتُنذِرَ قَوۡمٗا مَّآ أُنذِرَ ءَابَآؤُهُمۡ فَهُمۡ غَٰفِلُونَ

Sεdeε wode bεbͻ amanfoͻ a yɛammͻ wͻn agyanom kͻkͻ no a, enti wͻn werε afri (wͻn ho) no kͻkͻ.ا

Tafseer

Tafseer

36.9

وَجَعَلۡنَا مِنۢ بَيۡنِ أَيۡدِيهِمۡ سَدّٗا وَمِنۡ خَلۡفِهِمۡ سَدّٗا فَأَغۡشَيۡنَٰهُمۡ فَهُمۡ لَا يُبۡصِرُونَ

Yεde εban nso asi wͻn anim, εna εban san wͻ wͻn akyi εna Yɛakata wͻn soͻ, enti wͻn nhunu hwee.ا

Tafseer

Tafseer

36.8

إِنَّا جَعَلۡنَا فِيٓ أَعۡنَٰقِهِمۡ أَغۡلَٰلٗا فَهِيَ إِلَى ٱلۡأَذۡقَانِ فَهُم مُّقۡمَحُونَ

Nokorε sε, Yεde dadewεmfoͻ agu wͻn kͻn mu abεpem wͻn abͻdwe, enti wͻn ti apagya hwε soro (a wͻntumi nsi wͻn tri aseε).ا

Tafseer

Tafseer

36.11

إِنَّمَا تُنذِرُ مَنِ ٱتَّبَعَ ٱلذِّكۡرَ وَخَشِيَ ٱلرَّحۡمَٰنَ بِٱلۡغَيۡبِۖ فَبَشِّرۡهُ بِمَغۡفِرَةٖ وَأَجۡرٖ كَرِيمٍ

Nea εsεsε wobͻ no kͻkͻ ne obi a odi Afutusεm (Qur’aan) no akyi, na osuro Ahummͻborͻ Hene no wͻ kokoa mu. (Nkͻmhyεni), Fa bͻnefakyε ne Animuonyam akatua kεseε no ho bͻhyԑ ma (saa nipa) no.ا

Tafseer

Tafseer

36.10

وَسَوَآءٌ عَلَيۡهِمۡ ءَأَنذَرۡتَهُمۡ أَمۡ لَمۡ تُنذِرۡهُمۡ لَا يُؤۡمِنُونَ

Sε wobͻ wͻn kͻkͻ o, anaasε wammͻ wͻn kͻkͻ o, ԑyε asεm korͻ ma wͻn sԑ wͻnnye nni.ا

Tafseer

Tafseer

36.13

وَٱضۡرِبۡ لَهُم مَّثَلًا أَصۡحَٰبَ ٱلۡقَرۡيَةِ إِذۡ جَآءَهَا ٱلۡمُرۡسَلُونَ

Fa kuro (Antiok) sofoͻ no yε mfatoho ma wͻn, εberε a Asomafoͻ no baa wͻn hͻ no.ا

Tafseer

Tafseer

36.12

إِنَّا نَحۡنُ نُحۡيِ ٱلۡمَوۡتَىٰ وَنَكۡتُبُ مَا قَدَّمُواْ وَءَاثَٰرَهُمۡۚ وَكُلَّ شَيۡءٍ أَحۡصَيۡنَٰهُ فِيٓ إِمَامٖ مُّبِينٖ

Nokorε sε, Yεn na Yɛnyane awufoͻ no, na Yεtwerε deε (adasamma ayε) de ato (wͻn) anim ne (faako a) wͻn anamͻn (anante akͻduru biara), na Yɛasese biribiara wͻ Nwoma pefee no mu.ا

Tafseer

Tafseer

36.15

قَالُواْ مَآ أَنتُمۡ إِلَّا بَشَرٞ مِّثۡلُنَا وَمَآ أَنزَلَ ٱلرَّحۡمَٰنُ مِن شَيۡءٍ إِنۡ أَنتُمۡ إِلَّا تَكۡذِبُونَ

(Antiokfoͻ no) kaa sε: ”Moyε nnipa tesε yεn ara. Ahummͻborͻ Hene no nsianee hwee (maa mo), mo saa (nkorͻfoͻ yi) mo yε nkontompofoͻ”.ا

Tafseer

Tafseer

36.14

إِذۡ أَرۡسَلۡنَآ إِلَيۡهِمُ ٱثۡنَيۡنِ فَكَذَّبُوهُمَا فَعَزَّزۡنَا بِثَالِثٖ فَقَالُوٓاْ إِنَّآ إِلَيۡكُم مُّرۡسَلُونَ

Ɛberε a Yεsomaa (Asomafoͻ) mmienu kᴐᴐ wͻn hͻ no, wͻannye wͻn anni, enti Yεde deε ͻtͻso mmiεnsa bεfoaa wͻn so; na wͻka kyerεε (kuro no mu foͻ no) sε: “Nokorε sε, yεyε mo asomafoͻ’’.ا

Tafseer

Tafseer

36.17

وَمَا عَلَيۡنَآ إِلَّا ٱلۡبَلَٰغُ ٱلۡمُبِينُ

Y’adwuma ara ne sε, yεbεbͻ (Asεm no ho) dawuro akyerεkyerε mu.ا

Tafseer

Tafseer

36.16

قَالُواْ رَبُّنَا يَعۡلَمُ إِنَّآ إِلَيۡكُمۡ لَمُرۡسَلُونَ

(Asomafoͻ no) kaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn Nim yie sε, nokorε, yεyε Asomafoͻ ma mo.ا

Tafseer

Tafseer

36.19

قَالُواْ طَـٰٓئِرُكُم مَّعَكُمۡ أَئِن ذُكِّرۡتُمۚ بَلۡ أَنتُمۡ قَوۡمٞ مُّسۡرِفُونَ

(Asomafoͻ no) kaa sε: “Mo mmusuo no firi mo ara mo hͻ, sε anka moredwen a. Daabi, mo yε nnipa nsεmmͻnedifoͻ.ا

Tafseer

Tafseer

36.18

قَالُوٓاْ إِنَّا تَطَيَّرۡنَا بِكُمۡۖ لَئِن لَّمۡ تَنتَهُواْ لَنَرۡجُمَنَّكُمۡ وَلَيَمَسَّنَّكُم مِّنَّا عَذَابٌ أَلِيمٞ

(Antiokfoͻ no) kaa sε: ‘’Yɛhunu sε mo yε mmusuo ma yεn, enti sε moanyae (mo nsεm no ka) a, yεbɛsi mo aboͻ, na yεde asotwee a εyε ya paa a efiri yεn hͻ atwe mo aso.ا

Tafseer

Tafseer

36.21

ٱتَّبِعُواْ مَن لَّا يَسۡـَٔلُكُمۡ أَجۡرٗا وَهُم مُّهۡتَدُونَ

Moni wͻn a wͻmmisa mo (nsεmpa a wͻreka kyerε mo) no ho akatua no akyi, efrisε wͻyε ateneneefoͻ.ا

Tafseer

Tafseer

36.20

وَجَآءَ مِنۡ أَقۡصَا ٱلۡمَدِينَةِ رَجُلٞ يَسۡعَىٰ قَالَ يَٰقَوۡمِ ٱتَّبِعُواْ ٱلۡمُرۡسَلِينَ

Ɔbarima bi (Habiib Najaar) de ahoͻherε fri kuro no akyirikyiri baabi bae bεkaa sε: “Menkorͻfoͻ, moni Asomafoͻ no akyi.ا

Tafseer

Tafseer

36.23

أَأَتَّخِذُ مِنْ دُونِهِ آلِهَةً إِنْ يُرِدْنِ الرَّحْمَٰنُ بِضُرٍّ لَا تُغْنِ عَنِّي شَفَاعَتُهُمْ شَيْئًا وَلَا يُنْقِذُونِ

Menfri N’akyi mfa anyame (foforͻ nsom wͻn wͻ aberε a) sε Ahummͻborͻ Hene Nyankopͻn pε me bͻne anaa ͻhaw bi a, (anyame no) ntwitwagyeε ho mma me mfasoͻ biara, na wͻntumi nnye me nso?ا

Tafseer

Tafseer

36.22

وَمَا لِيَ لَآ أَعۡبُدُ ٱلَّذِي فَطَرَنِي وَإِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ

Ԑdeεn nti na εnsεsε mesom (Nyankopͻn) no a Ɔbͻͻ me, na Ne hͻ na mobεsan akͻ?ا

Tafseer

Tafseer

36.25

إِنِّي آمَنْتُ بِرَبِّكُمْ فَاسْمَعُونِ

Nokorε sε magye mo Wura Nyankopͻn no adi enti montie me”.ا

Tafseer

Tafseer

36.24

إِنِّي إِذًا لَفِي ضَلَالٍ مُبِينٍ

(Sε meyε saa a), εneε na nokorε sε, mewͻ ͻyera pefee paa mu.ا

Tafseer

Tafseer

36.27

بِمَا غَفَرَ لِي رَبِّي وَجَعَلَنِي مِنَ الْمُكْرَمِينَ

Sεdeε me Wura Nyankopͻn de me bͻne akyε me, na Ɔde me aka animuonyamfoͻ no ho a”.ا

Tafseer

Tafseer

36.26

قِيلَ ادْخُلِ الْجَنَّةَ ۖ قَالَ يَا لَيْتَ قَوْمِي يَعْلَمُونَ

Yεka kyerεε no sε: ”Wura Soro Aheman no mu. (Habiib) kaa sε: “Sε anka me nkorͻfoͻ no nim.ا

Tafseer

Tafseer

36.29

إِنْ كَانَتْ إِلَّا صَيْحَةً وَاحِدَةً فَإِذَا هُمْ خَامِدُونَ

Na mmom εyε nteamu fua pε (na Nyankopͻn maa Ɔbͻfoͻ Gabriel bεteaa mu guu wͻn soͻ), na hwε, wͻn (nyinaa) tεm dinn (a wͻn awuwuo).ا

Tafseer

Tafseer

36.28

وَمَا أَنْزَلْنَا عَلَىٰ قَوْمِهِ مِنْ بَعْدِهِ مِنْ جُنْدٍ مِنَ السَّمَاءِ وَمَا كُنَّا مُنْزِلِينَ

(Habiib Najaar kum no) akyi no, Yɛansoma asraafoͻ amfiri soro amma ne nkorͻfoͻ no so, na enhia sε yεsoma mpo.ا

Tafseer

Tafseer

36.31

أَلَمْ يَرَوْا كَمْ أَهْلَكْنَا قَبْلَهُمْ مِنَ الْقُرُونِ أَنَّهُمْ إِلَيْهِمْ لَا يَرْجِعُونَ

Enti wͻnhunuu awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ a wͻdii wͻn anim kan a Yɛasεe wͻn, na wͻnsan mma wͻn hͻ bio?ا

Tafseer

Tafseer

36.30

يَا حَسْرَةً عَلَى الْعِبَادِ ۚ مَا يَأْتِيهِمْ مِنْ رَسُولٍ إِلَّا كَانُوا بِهِ يَسْتَهْزِئُونَ

A o, berε a Me nkoa no aberε aguo! Ɛberε biara a ͻsomafoͻ bi bεba wͻn hͻ no gyesε wͻdi ne ho fεw.ا

Tafseer

Tafseer

36.33

وَآيَةٌ لَهُمُ الْأَرْضُ الْمَيْتَةُ أَحْيَيْنَاهَا وَأَخْرَجْنَا مِنْهَا حَبًّا فَمِنْهُ يَأْكُلُونَ

Asaase a awuo nso yε nsεnkyerεnee ma wͻn, Yɛnyane no, na Yɛama nnͻbaeε apuepue afiri mu, na emu bi na wͻdie.ا

Tafseer

Tafseer

36.32

وَإِنْ كُلٌّ لَمَّا جَمِيعٌ لَدَيْنَا مُحْضَرُونَ

Nokorε nso sε wͻn mu biara, (wͻn) nyinaa Y’anim na wͻbεsan aba.ا

Tafseer

Tafseer

36.35

لِيَأْكُلُوا مِنْ ثَمَرِهِ وَمَا عَمِلَتْهُ أَيْدِيهِمْ ۖ أَفَلَا يَشْكُرُونَ

Sεdeε wͻbɛdi ne nnuaba no; (woi nom nyinaa) εnyε wͻn nsa na wͻde yͻeε. Enti wͻn (nhwε ho) nna (Nyankopͻn) ase?ا

Tafseer

Tafseer

36.34

وَجَعَلْنَا فِيهَا جَنَّاتٍ مِنْ نَخِيلٍ وَأَعْنَابٍ وَفَجَّرْنَا فِيهَا مِنَ الْعُيُونِ

(Asaase no ara) so na Yɛayε akyiresua ne bobe fuo, emu ara nso na Yεma nsutire puepue.ا

Tafseer

Tafseer

36.37

وَآيَةٌ لَهُمُ اللَّيْلُ نَسْلَخُ مِنْهُ النَّهَارَ فَإِذَا هُمْ مُظْلِمُونَ

Adesaeε a yεyi firi adekyeε mu ma esum to wͻn no nso yε nsεnkyerεnee ma wͻn.ا

Tafseer

Tafseer

36.36

سُبْحَانَ الَّذِي خَلَقَ الْأَزْوَاجَ كُلَّهَا مِمَّا تُنْبِتُ الْأَرْضُ وَمِنْ أَنْفُسِهِمْ وَمِمَّا لَا يَعْلَمُونَ

Kronkron Hene ne Nea Ɔbͻͻ adeε a εwͻ asaase so nyinaa mmienu-mmienu (onini ne bedeε), ne wͻn ara mu nso (saa ara na yɛabͻ wͻn onini ne ͻbedeε), ne adeε a wͻnnim nso mu.ا

Tafseer

Tafseer

36.39

وَالْقَمَرَ قَدَّرْنَاهُ مَنَازِلَ حَتَّىٰ عَادَ كَالْعُرْجُونِ الْقَدِيمِ

Bosome nso Yɛahyehyε soε berε ama no kͻpem sε εbεsan ayε sε akyiresua papa dadaa a awoͻ na akoa.ا

Tafseer

Tafseer

36.38

وَالشَّمْسُ تَجْرِي لِمُسْتَقَرٍّ لَهَا ۚ ذَٰلِكَ تَقْدِيرُ الْعَزِيزِ الْعَلِيمِ

Awia nam ne kwan a yɛahyehyε ama no so. Woi yε Otumfoͻ Nimdefoͻ no nhyehyεε.ا

Tafseer

Tafseer

36.41

وَآيَةٌ لَهُمْ أَنَّا حَمَلْنَا ذُرِّيَّتَهُمْ فِي الْفُلْكِ الْمَشْحُونِ

Wͻn asefoͻ a Yεsoaa wͻn wͻ (Noa) hyεn a ayε mma no mu no yε nsεnkyerεnee ma wͻn.ا

Tafseer

Tafseer

36.40

لَا الشَّمْسُ يَنْبَغِي لَهَا أَنْ تُدْرِكَ الْقَمَرَ وَلَا اللَّيْلُ سَابِقُ النَّهَارِ ۚ وَكُلٌّ فِي فَلَكٍ يَسْبَحُونَ

Ԑmma sԑ awia bԑto bosome, anaasԑ anadwo bɛsan adekyeԑ ho. Wᴐn mu biara nam ne kwan so yᴐᴐ.ا

Tafseer

Tafseer

36.43

وَإِنْ نَشَأْ نُغْرِقْهُمْ فَلَا صَرِيخَ لَهُمْ وَلَا هُمْ يُنْقَذُونَ

Sε Yεpε a, anka Yεbεma wͻn amem na wͻnya obi a wͻbɛsu afrε no anaa obia ɔbεgye wͻn.ا

Tafseer

Tafseer

36.42

وَخَلَقْنَا لَهُمْ مِنْ مِثْلِهِ مَا يَرْكَبُونَ

Yɛabͻ (Noa nhyεmma no) nso sεso ama wͻn a wͻforo tena mu.ا

Tafseer

Tafseer

36.45

وَإِذَا قِيلَ لَهُمُ اتَّقُوا مَا بَيْنَ أَيْدِيكُمْ وَمَا خَلْفَكُمْ لَعَلَّكُمْ تُرْحَمُونَ

Sε yεka kyerε wͻn sε: “Monsuro deε εda mo anim ne deε εda mo akyi sεdeε yɛbɛhu mo mmͻbͻ a.ا

Tafseer

Tafseer

36.44

إِلَّا رَحْمَةً مِنَّا وَمَتَاعًا إِلَىٰ حِينٍ

Mmom εyε ahummͻborͻ a efiri Yεn nkyεn, ne anigyedeε de kͻpem εberε ( a yɛahyε).ا

Tafseer

Tafseer

36.47

وَإِذَا قِيلَ لَهُمْ أَنْفِقُوا مِمَّا رَزَقَكُمُ اللَّهُ قَالَ الَّذِينَ كَفَرُوا لِلَّذِينَ آمَنُوا أَنُطْعِمُ مَنْ لَوْ يَشَاءُ اللَّهُ أَطْعَمَهُ إِنْ أَنْتُمْ إِلَّا فِي ضَلَالٍ مُبِينٍ

Sε yεka kyerε wͻn sε: “Monyi deε Nyankopͻn de ama mo no mu bi ma a, wͻn a wͻnnye nnie no ka kyerε wͻn a wͻagye adie no sε: ”Yεmͻ wͻn a sε Nyankopͻn pε a Ɔbɛtumi abͻ wͻn akͻnhoma no akͻnhoma? (Kaafirfoͻ no ka kyerε agyidiefoͻ no sε): “Nokorε sε mowͻ ͻyera pefee paa mu“.ا

Tafseer

Tafseer

36.46

وَمَا تَأْتِيهِمْ مِنْ آيَةٍ مِنْ آيَاتِ رَبِّهِمْ إِلَّا كَانُوا عَنْهَا مُعْرِضِينَ

Nsεnkyerεnee mu nsεnkyerεnee biara a efri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ aba wͻn hͻ no, wͻdanee wͻn ho firii ho.ا

Tafseer

Tafseer

36.49

مَا يَنْظُرُونَ إِلَّا صَيْحَةً وَاحِدَةً تَأْخُذُهُمْ وَهُمْ يَخِصِّمُونَ

Enti deε (boniayεfoͻ no) retwεn ara ne Nteamu fua pε no?. Ɛbεsͻ wͻn mu wͻ εberε a wͻregye akyinnyeε!ا

Tafseer

Tafseer

36.48

وَيَقُولُونَ مَتَىٰ هَٰذَا الْوَعْدُ إِنْ كُنْتُمْ صَادِقِينَ

Wͻka nso (kyerε agyidiefoͻ no) sε: “Sε mo yε nokwafoͻ ampa a, dabεn na saa bͻhyε no (bεba)?”ا

Tafseer

Tafseer

36.51

وَنُفِخَ فِي الصُّورِ فَإِذَا هُمْ مِنَ الْأَجْدَاثِ إِلَىٰ رَبِّهِمْ يَنْسِلُونَ

Sε yεbͻ totorobεnto no mu (deε etwa toͻ no) a, wobɛhunu sε wͻde ahoͻhare firi adaka-mena mu rekͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ.ا

Tafseer

Tafseer

36.50

فَلَا يَسْتَطِيعُونَ تَوْصِيَةً وَلَا إِلَىٰ أَهْلِهِمْ يَرْجِعُونَ

(Saa Da no) wͻntumi nyε nsamanseε, na wͻntumi nso nsan nkͻ wͻn abusuafoͻ hͻ bio.ا

Tafseer

Tafseer

36.53

إِنْ كَانَتْ إِلَّا صَيْحَةً وَاحِدَةً فَإِذَا هُمْ جَمِيعٌ لَدَيْنَا مُحْضَرُونَ

(Wusͻreε no deε) εyε nteamu fua pε, na wobɛhunu sε yεde wͻn nyinaa aba Y’anim.ا

Tafseer

Tafseer

36.52

قَالُوا يَا وَيْلَنَا مَنْ بَعَثَنَا مِنْ مَرْقَدِنَا ۜ ۗ هَٰذَا مَا وَعَدَ الرَّحْمَٰنُ وَصَدَقَ الْمُرْسَلُونَ

(Saa Da no boniayεfoͻ no) bεka sε: ”Adi ayε yεn! Hwan na wanyane yεn afiri faako a yεda yi? (Soro abͻfoͻ anaasε agyidiefoͻ no bɛyi wͻn ano sε): “Woi na Ahummͻborͻ Hene no hyεε ho bͻ no. Asomafoͻ no asεm no ayε nokorε”.ا

Tafseer

Tafseer

36.55

إِنَّ أَصْحَابَ الْجَنَّةِ الْيَوْمَ فِي شُغُلٍ فَاكِهُونَ

Nokorε sε saa Da no, Soro Aheman no mu foͻ no bεgye wͻn ani papaapa (anaasε anigyeε bεgye wͻn adaagyeε).ا

Tafseer

Tafseer

36.54

فَالْيَوْمَ لَا تُظْلَمُ نَفْسٌ شَيْئًا وَلَا تُجْزَوْنَ إِلَّا مَا كُنْتُمْ تَعْمَلُونَ

Saa Da no yɛnsisi ͻkra bi wͻ biribiara ho, na mmom dwuma a modiiε no na yɛbɛtua mo ho ka.ا

Tafseer

Tafseer

36.57

لَهُمْ فِيهَا فَاكِهَةٌ وَلَهُمْ مَا يَدَّعُونَ

Nnuaba (ahodoͻ nyinaa bi) wͻ hͻ ma wͻn, na wͻnsa bεka deε wͻbɛbisa biara.ا

Tafseer

Tafseer

36.56

هُمْ وَأَزْوَاجُهُمْ فِي ظِلَالٍ عَلَى الْأَرَائِكِ مُتَّكِئُونَ

Wͻn ne wͻn ayerenom wͻ nwunu mu, tete ahennwa so.ا

Tafseer

Tafseer

36.59

وَامْتَازُوا الْيَوْمَ أَيُّهَا الْمُجْرِمُونَ

Abͻneεfoͻ, εnnε Da yi montwe mo ho (mfri agyidiefoͻ no ho).ا

Tafseer

Tafseer

36.58

سَلَامٌ قَوْلًا مِنْ رَبٍّ رَحِيمٍ

‘Salaam!’ Asomdwoeε ne kasa a efiri Mmͻborͻhunufoͻ Hene no hͻ.ا

Tafseer

Tafseer

36.61

وَأَنِ اعْبُدُونِي ۚ هَٰذَا صِرَاطٌ مُسْتَقِيمٌ

Na mmom monsom Me, na εno ne ͻkwan tenenee no?ا

Tafseer

Tafseer

36.60

أَلَمْ أَعْهَدْ إِلَيْكُمْ يَا بَنِي آدَمَ أَنْ لَا تَعْبُدُوا الشَّيْطَانَ ۖ إِنَّهُ لَكُمْ عَدُوٌّ مُبِينٌ

(Nyankopͻn bεka sε): “Adasamma Mantu mofo sε, monhwε yie na moansom ͻbonsam, efirisε ͻyε mo tamfo pefee?ا

Tafseer

Tafseer

36.63

هَٰذِهِ جَهَنَّمُ الَّتِي كُنْتُمْ تُوعَدُونَ

Woi ne Amanehunugya no a yεhyεε mo ho bͻ no.ا

Tafseer

Tafseer

36.62

وَلَقَدْ أَضَلَّ مِنْكُمْ جِبِلًّا كَثِيرًا ۖ أَفَلَمْ تَكُونُوا تَعْقِلُونَ

Nokorε sε (ͻbonsam) ayera mo mu nnipa dͻm pii, enti monfa adwen?ا

Tafseer

Tafseer

36.65

الْيَوْمَ نَخْتِمُ عَلَىٰ أَفْوَاهِهِمْ وَتُكَلِّمُنَا أَيْدِيهِمْ وَتَشْهَدُ أَرْجُلُهُمْ بِمَا كَانُوا يَكْسِبُونَ

Saa Da no Yɛbɛsi wͻn ano ho kwan, na wͻnsa bεkasa akyerε Yεn, na wͻn nnan nso bɛdi adanseε wͻ deε wɔnyɛeε no ho.ا

Tafseer

Tafseer

36.64

اصْلَوْهَا الْيَوْمَ بِمَا كُنْتُمْ تَكْفُرُونَ

Monwura mu nnε Da yi εnam sε moannye annie nti.ا

Tafseer

Tafseer

36.67

وَلَوْ نَشَاءُ لَمَسَخْنَاهُمْ عَلَىٰ مَكَانَتِهِمْ فَمَا اسْتَطَاعُوا مُضِيًّا وَلَا يَرْجِعُونَ

Sε Yεpε nso a anka Yεbεsesa wͻn wͻ wͻn tebea mu (ama wͻn adane tesε mmoa anaasε biribi) a wͻntumi nkeka wͻn ho na (wͻn nkͻ nso) wͻmma.ا

Tafseer

Tafseer

36.66

وَلَوْ نَشَاءُ لَطَمَسْنَا عَلَىٰ أَعْيُنِهِمْ فَاسْتَبَقُوا الصِّرَاطَ فَأَنَّىٰ يُبْصِرُونَ

Sε Yεpε a, anka yεbεma wͻn ani afira na wͻakeka apε kwan no, na sεn na anka wͻbɛsi ahunu (kwan)?ا

Tafseer

Tafseer

36.69

وَمَا عَلَّمْنَاهُ الشِّعْرَ وَمَا يَنْبَغِي لَهُ ۚ إِنْ هُوَ إِلَّا ذِكْرٌ وَقُرْآنٌ مُبِينٌ

Yɛankyerε (Muhammad) awensεm, na εmfata mma no, na mmom εyε afutusεm, εyε Qu’raan (a emu nsεm da adi) pefee.ا

Tafseer

Tafseer

36.68

وَمَنْ نُعَمِّرْهُ نُنَكِّسْهُ فِي الْخَلْقِ ۖ أَفَلَا يَعْقِلُونَ

Obia Yεma no nkwa tenten no Yεsan no ba akyire wͻ mmͻeε no mu (ma n’ahoͻden akyi no ͻbεyε mmrε). Enti wͻnni nteasε?ا

Tafseer

Tafseer

36.71

أَوَلَمْ يَرَوْا أَنَّا خَلَقْنَا لَهُمْ مِمَّا عَمِلَتْ أَيْدِينَا أَنْعَامًا فَهُمْ لَهَا مَالِكُونَ

Enti wͻnhunuu sε Yεn na Yεbͻͻ nneεma a Yε nsa ayε a emu bi ne nyεmmoa a wͻdi wͻn so (tumi) no maa wͻn?ا

Tafseer

Tafseer

36.70

لِيُنْذِرَ مَنْ كَانَ حَيًّا وَيَحِقَّ الْقَوْلُ عَلَى الْكَافِرِينَ

Sεdeε ͻde bεbͻ obi a ͻte aseε kͻkͻ, na asεm no ayε nyinasoᴐ atia boniayεfoͻ no.ا

Tafseer

Tafseer

36.73

وَلَهُمْ فِيهَا مَنَافِعُ وَمَشَارِبُ ۖ أَفَلَا يَشْكُرُونَ

Ɛna wͻnya mfasoͻ (pii) wͻ wͻn ho, ne anomdeε (tesε nufusuo). Enti wͻn (nhwε ho) nyi (Nyankopͻn) ayε?ا

Tafseer

Tafseer

36.72

وَذَلَّلْنَاهَا لَهُمْ فَمِنْهَا رَكُوبُهُمْ وَمِنْهَا يَأْكُلُونَ

Ɛna Yɛabrε wͻn ase ama wͻn a, emu bi wͻforo tena wͻn so, εna emu bi nso wͻwe (wͻn nam).ا

Tafseer

Tafseer

36.75

لَا يَسْتَطِيعُونَ نَصْرَهُمْ وَهُمْ لَهُمْ جُنْدٌ مُحْضَرُونَ

Wͻntumi mmoa wͻn, na mmom yεde wͻn bεba sε εdͻm (ama wako atia wͻn a wͻsom wͻn no wͻ atemmuda).ا

Tafseer

Tafseer

36.74

وَاتَّخَذُوا مِنْ دُونِ اللَّهِ آلِهَةً لَعَلَّهُمْ يُنْصَرُونَ

Wͻafiri Nyankopͻn akyi afa anyame (foforͻ) sε wͻbεboa wͻn.ا

Tafseer

Tafseer

36.77

أَوَلَمْ يَرَ الْإِنْسَانُ أَنَّا خَلَقْنَاهُ مِنْ نُطْفَةٍ فَإِذَا هُوَ خَصِيمٌ مُبِينٌ

Anaasε onipa nhunuu sε Yεn na Yεbͻͻ no firi ahobaeε mu? Na hwε sε ͻno mmom ne ͻkotiafoͻ pefee no.ا

Tafseer

Tafseer

36.76

فَلَا يَحْزُنْكَ قَوْلُهُمْ ۘ إِنَّا نَعْلَمُ مَا يُسِرُّونَ وَمَا يُعْلِنُونَ

Enti (Nkͻmhyεni), εmma wͻn nsεmkeka no nnyε wo awerεho, nokorε sε Yɛnim deε wͻde suma ne deε wͻda no adie (nyinaa).ا

Tafseer

Tafseer

36.79

قُلْ يُحْيِيهَا الَّذِي أَنْشَأَهَا أَوَّلَ مَرَّةٍ ۖ وَهُوَ بِكُلِّ خَلْقٍ عَلِيمٌ

(Nkͻmhyεni) Ka sε: “Nea Ɔbͻͻ no wͻ εberε a edi kan no, (saa Tumfoͻ no) ara na Ɔbɛnyane no, na Ɔne abͻdeε biara ho Nimdefoͻ.ا

Tafseer

Tafseer

36.78

وَضَرَبَ لَنَا مَثَلًا وَنَسِيَ خَلْقَهُ ۖ قَالَ مَنْ يُحْيِي الْعِظَامَ وَهِيَ رَمِيمٌ

Ɔde Yεn yε mfatoho ma ne werε firi ne mmͻeε (ahyԑase). Ɔka sε: “Hwan na ɔbɛnyane nnompe a ahunu?’’.ا

Tafseer

Tafseer

36.81

أَوَلَيْسَ الَّذِي خَلَقَ السَّمَاوَاتِ وَالْأَرْضَ بِقَادِرٍ عَلَىٰ أَنْ يَخْلُقَ مِثْلَهُمْ ۚ بَلَىٰ وَهُوَ الْخَلَّاقُ الْعَلِيمُ

Enti Nea Ɔbͻͻ soro ne asaase no, Onni tumi sε Ɔtumi bͻ ne sε so? Aane; Ɔne Ɔbͻͻ Adeε, Nimdefoͻ no.ا

Tafseer

Tafseer

36.80

الَّذِي جَعَلَ لَكُمْ مِنَ الشَّجَرِ الْأَخْضَرِ نَارًا فَإِذَا أَنْتُمْ مِنْهُ تُوقِدُونَ

Ɔno na Ɔma mo egya firi dua mono mu a εno na mosͻ.ا

Tafseer

Tafseer

36.83

فَسُبۡحَٰنَ ٱلَّذِي بِيَدِهِۦ مَلَكُوتُ كُلِّ شَيۡءٖ وَإِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ

Enti Kronkron Hene ne Nea biribiara ho tumi wͻ Ne nsa mu no, na Ne hͻ na mo mobεsan akͻ.ا

Tafseer

Tafseer

36.82

إِنَّمَا أَمْرُهُ إِذَا أَرَادَ شَيْئًا أَنْ يَقُولَ لَهُ كُنْ فَيَكُونُ

Nokorε, sε Ɔpεsε Ɔyε biribi a, N’ahyεdeε ara ne sε Ɔbεka sε: “ Yε!” Na ayε.ا

Tafseer

Tafseer

Surah Yaseen Nsɛm a Ɛyɛ Kɛse:

Surah Yaseen yɛ “Quran no ɔkra” na wɔka sɛ “Yaseen” yɛ Muhammadu (PBUH) din nso. Ɛwɔ nsɛm 83 na ɛyɛ Quran no ti 36, na ɛwɔ nsɛm 807 na abɛyɛ 3,028 nkyerɛw. Ɛwɔ ruku 5 (bɔtɔ). Ɛyɛ 22nd Juz mu na ɛkɔ so kɔ 23rd Juz mu. Ɛyɛ Makkah mu na ɛno enti wɔfrɛ no Makki Surah na ɛda nsɛm a ɛyɛ kɛse no adi.”

1. Abɛyɛdeɛ a ɛyɛ Nnipa no Mu:

Sura no fi ase kyerɛ sɛ ɔkwan a Prophet Muhammad (SAW) de abɛbrɛ no nokwasɛm. Ɛda ho adi sɛ ɔyɛ ɔbɔfo a Allah de senta na ɔkyerɛ ɔman no.

2. Allah Nsɛm a Ɛda Ho Adi:

Sura no da Allah ho nsɛm a ɛda ne nyansa ne tumi a ɔda no adi mu. Ɛka nnɔbae ne anadwo ntam, abɔdeɛ a ɛda so re yɛ, ne sɔfopɔn a ɛwɔ wiase mu ho, ma ɔman no nyinaa nsusuw ho nsɛm yi so sɛ adanseɛ a ɛda Allah kɛse no adi.

3. Nkɔmhyɛ a Wɔmpɛ:

Ɛka wɔn a wɔntie nkɔmhyɛ no ho a wɔn mu bɔne. Nokwasɛm a ɛyɛ kɛse ne nsɛm a ɛda so kyerɛ wɔn no, mpɔtam anɔpa nanso, nkutoo yɛreka nsɛm no a ɛyɛ nokware no, na ɛbɔ wɔn kɔ mmerɛw a wɔremfa no.

4. Nsɛm a Ɛda Ɔman a Wɔda Mmom:

Sura no kɔka nsɛm a wɔaka ho fa abatoɔ anaa nsɛm a nsɛm a ɛyɛ kɛse no ho fa nsɛm a ɛyɛ kɛse no ho. Eyi yɛ ɔkɔmfoɔ a ɛda nkɔmhyɛ a wɔmpɛ ho adi no mu.

5. Ahuammɔ ne Ɛda a Ɛyɛ Nsi:

Sura Yaseen kɔka nsɛm a ɛyɛ nokware a ɛda Ahuammɔ ho ne nkwa a ɛda akyirikyiri. Ɛda ho adi sɛ nnipa nyinaa bɛyɛ ahuammɔ wɔ Nnanom da a, na wɔbɛyɛ wɔn bɔne ho abom.

6. Nhyira a Ɛyɛ Kɛse:

Sura no ma ɔman no nsa ka Allah nhyira ne akatua a ɛyɛ kɛse no ho a wɔnkɔ nkɔmhyɛ no. Ɛda nsɛm a ɛyɛ pɛ na atow da so a ɔman no yɛ no ho adi.

7. Nkɔmhyɛ a Ɛda So:

Sura no to so da ɔman no ho nsɛm a ɛyɛ ɔkwan a wɔbɛyɛ ho na wɔyɛ wɔn nkwa ho nsɛm, Allah nsɛm a ɛda wɔn ho adi, ne nokware a ɛyɛ nsi ne abɛyɛde a ɛyɛ nokware.